TY - JOUR AU - Wiafe-Akenten, Nana Anima AU - Adomako, Kwasi PY - 2020/12/31 Y2 - 2024/03/28 TI - Mɔfɔ-sentatek ne sohyiɔ-pragmatek mpɛnsɛmpɛnsɛnmu fa radio ne tv so mmɛ bi ho: “akɔmfo bɔne sɛ mose kuro no mmɔ a, …” [The morpho-syntactic and socio-pragmatic analysis of proverbs use on radio and T.V.: “Traditional priests of doom, if you wish for the destruction of a town, …”] JF - Ghana Journal of Linguistics JA - GJL VL - 9 IS - 2 SE - Articles DO - 10.4314/gjl.v9i2.200 UR - https://laghana.org/gjl/index.php/gjl/article/view/200 SP - 65-87 AB - <p>Nhwehwɛmu da no adi sɛ, ɛnnɛ yi nso, wɔde mmɛ di dwuma pa ara wɔ Akan radio ne TV so dwumadie ahodoɔ no mu, titire ne anɔpa dawubɔ nkrataa mpɛnsɛmpɛnsɛnmu ne kaseɛbɔ. Ɛso akasafoɔ dodoɔ no taa yɛ amanyɔfoɔ ne amanyɔkuo akyitaafoɔ. Dwumadie yi mu nsɛm nso taa fa asetena-amanyɔ ho. Nsɛm no bi ka yɛ den; ɛtumi dane abufuo anaa ɛde ɔtan ba. Ɛno na ama yɛahwɛ sɛdeɛ wɔde mmɛ di dwuma wɔ dwumadie no mu. Yɛhwɛɛ mmɛ pɔtee a wɔtaa fa no mu nsɛm ne botaeɛ nti a wɔfa saa mmɛ no. Yɛahwɛ mmɛ no nhyehyɛeɛ ne ne sohyiɔ-pragmatek dwumadie. Yɛgyee mmɛ no ne ɛho nsɛm kakra firii Peace F.M.; <em>Kookrokoo</em> ne Adom F.M.; <em>Edwaso Nsɛm</em>, UTV ne Adom TV. Yɛhwɛɛ berɛ ne nnipa pɔtee a nsɛm no fa wɔn ho. Anɔpa dawubɔ nkrataa mpɛnsɛmpɛnsɛnmu taa wɔ anɔpa firi nnɔnsia kɔpem nnɔndu. Wei nso boa maa yɛhunuu botaeɛ pɔtee a ɛma akasafoɔ no de saa mmɛ pɔtee no di dwuma. Yɛgyinaa Fairclough (1995 ne 2012) ne Fairclough ne Wodak (1997) adwenemusɛm CDA so na ɛyɛɛ mpɛnsɛmpɛnsɛnmu no. Ɛdaa adi sɛ, mmɛ a amanyɔfoɔ taa de di dwuma no gu mmusuakuo mmeɛnsa; mmɛ dada, nsesamu anaa mframu ne abɛɛfo mmɛ. Nsesamu no nso nhyehyɛeɛ gu; nsɛmfua nsiananmu ne nyifirimu. Yɛhunuu sɛ, sɛdeɛ kaseɛbɔfoɔ nwene wɔn ankasa mmɛ no, amanyɔfoɔ ntaa nwene mmɛ foforɔ. Sohyiɔ-pragmateks dwumadiemu nso, ɛbɛdaa adi sɛ, wɔmfa mmɛ no nni dwuma sɛ kwatikwan turodoo nko, wɔde bi yɛ sabuakwan (anidaho).</p> ER -